Nkramosom ne sɛ wo bɛ di adanseɛ sɛ Onyame biara nni hɔ a ɔfata ɛsom wɔ nokware mu gye Allah nko, na Mohammed yɛ Nyame Somanii, Na w'ayɛ asɔre (Salla) wɔ ne berɛ mu, Na w'ayi Zaka, Na w'akyere Ramadan akɔmkyene, Na w'ayɛ Haj dwumadie (Onyame fie nserahwɛ) sɛ wo nya so tumi a
Yɛ nyaa saa nsɛm yi firi Umar a ɔyɛ Khataab ba nkyɛn Onyame ngye no ntum Ɔkaa sɛ: Berɛ a yɛ te Onyame Somanii Nyame nhyira ne n'asomdwie nka no ɛda bi, prɛko pɛ Ɔbarima bi pue yɛn so a, N'ataade yɛ fitafita, Ne tirinwii yɛ tuum, Na yɛ nhu akwantuo ahyɛnsodeɛ biara wɔ ne…

