HadeethEnc · 1.20.0
Mmranteɛ (Nnipa) no bi wɔ hɔ a wɔde wɔn ho hyɛ Allah ahonyadeɛ mu a ɛnyɛ kwan pa so, na wɔnom wɔ ogya dareɛ mu atemmuada no
Available translations
Choose an available translation of this Hadeeth
01
Hadeeth text
Yɛnyaa hadisi yi firii Khawlatul Al Ansariyyat nkyɛn Allah nnye no ntom, ɔkaa sɛ; "metee sɛ ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no reka sɛ: <<Mmranteɛ (Nnipa) no bi wɔ hɔ a wɔde wɔn ho hyɛ Allah ahonyadeɛ mu a ɛnyɛ kwan pa so, na wɔnom wɔ ogya dareɛ mu atemmuada no>>.
02
Explanation
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rebɔ yɛn amaneɛ sɛ nnipa nom bi wɔ hɔ a wɔhye Muslimifoɔ ahonyadeɛ wɔ kwan bɔnee so, ɛna wɔfa bi a ɛnyɛ kwan pa so, na wei yɛ asɛmfua prɛkopɛ ma ahonyadeɛ ɛfa sɛneɛ wobɛboa ano ne sɛneɛ wode bɛdi dwuma wɔ akwan a ɛnyɛ papa so, na woresɛe no wɔ ɔkwan bɔne so, na sɛ woredi nnyanka sika hyɛ mu bi, ne woredi nnyapadeɛ sika, ne worepo sɛ ahwɛsodeɛ bi wɔ wo nkyɛn, ne woreyi sika afiri amansan fotoɔ mu a ɛnyɛ kwan pa so.
Afei ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no bɔɔ yɛn amaneɛ sɛ wɔn akatua yɛ ogya dareɛ mu owusɔreɛ da no.
Afei ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no bɔɔ yɛn amaneɛ sɛ wɔn akatua yɛ ogya dareɛ mu owusɔreɛ da no.
03
Benefits
Sika a ɛwɔ amanfoɔ nsa mu yɛ Allah sika na ɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa nni dwuma wɔ mmara kwan so, na wɔntwe wɔn ho sɛ ɔbɛsɛe no kwan bɔne so, na wei kɔ ma akannifoɔ ne nnipa a aka nyina ara.
Mmara katee a ɛfa amansan sika ho, sɛ neɛ ɔhwɛ biribiara so wɔ mu no bɛbu ho akonta owusɔreɛ da no wɔ kwan a ɔfaa so boa ano ne ɔkwan a ɔde dii dwuma.
Neɛ ɔsɛe sika wɔ ɔkwan a ɛnyɛ mmara kwan so no, sɛ ɛyɛ ne sika anaasɛ obi sika hyɛ saa kɔkɔbɔ yi ase bi.

Attribution
[رواه البخاري]
Categories
Share
Share hadeeth
Sharing options · 0 Total shares