
Kur'aani kronkron
Kur'aani kronkron yɛ Onyankopɔn asɛm, wiase nyinaa ne wɔn Bɔfo wura. Ɔsiane maa akɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ kaakyire, Muhammad, (Nyankopɔn nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no), sɛneɛ ɔdebɛda botaeɛ nti a ɔbɔɔ adasamma adi akyerɛ wɔn, na ɔde akyerɛ wɔn kwan akɔ nea ɛde anigyeɛ bɛbrɛ wɔn wɔ wiase yi ne awieɛberɛ (atemmuada) mu, na wagye wɔn afiri daa amanehunu mu wɔ owuo akyi. Na ɛyɛ Onyankopɔn nwoma a ɛtwa toɔ a wɔasiane, dehyɛ mu den, na ɔde apepa mmrasɛm. Kur’aan...
Kur'aani kronkron
Kur'aani kronkron yɛ Onyankopɔn asɛm, wiase nyinaa ne wɔn Bɔfo wura.
Ɔsiane maa akɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ kaakyire, Muhammad, (Nyankopɔn nhyira ne
n'asomdwoeɛ nka no), sɛneɛ ɔdebɛda botaeɛ nti a ɔbɔɔ adasamma adi akyerɛ wɔn,
na ɔde akyerɛ wɔn kwan akɔ nea ɛde anigyeɛ bɛbrɛ wɔn wɔ wiase yi ne awieɛberɛ
(atemmuada) mu, na wagye wɔn afiri daa amanehunu mu wɔ owuo akyi. Na ɛyɛ
Onyankopɔn nwoma a ɛtwa toɔ a wɔasiane, dehyɛ mu den, na ɔde apepa mmrasɛm.
Kur’aan Kronkron no yɛ daa nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ, na ɛyɛ adanseɛ a
ɛkyerɛ adiyisɛm a ɛwɔ Allah somafoɔ Muhammad so (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka
no),Onyankopɔn twaa adasamma ne jinn mpoa sɛ wɔnfa biribi a ɛte sɛ ɛno mmra, anaa
mpo surah bi ɛfiri mu, nanso wɔantumi anyɛ saa.
Nsa a wɔdekyinkyim na wɔdesesa no nnuruu ne nkyɛn firi berɛ a wɔsianeeɛ bɛboro
mfeɛ 1,400 a atwam ni, na ɛbɛkɔ so akora no wɔ Arabic kasa a wɔdesianeeɛ no mu,
sɛdeɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn ahwɛ sɛ wɔbɛkora no akɔsi mmerɛ awieeɛ no.
Kur'aan Kronkron no ne Islam fibea titire, ne mmarasɛm a ɛsiesie adasamma abrabɔ
na wɔde di wɔn ntam asɛm wɔ berɛ ne beaɛ biara mu. ɛfrɛ (onipa) kɔ Onyankopɔn kropɛ
a ɔbɔɔ adeɛ no som so, na ɛkyerɛkyerɛ deɛ ehia onipa a ɛbɛma wahu n'Awurade ne ne
som mu, ne wiase abɔdeɛ mfitiaseɛ, ne gyinapɛn ahoroɔ wɔ onipa mmɔeɛ mu, na ɛbɔ
nsumaeɛ mu nsɛm a atwam ne neɛ ɛbɛsi daakye ho amaneɛ, ɛne akɔmhyɛfoɔ adikanfoɔ
no abakwasɛm, (Allah asomdwoeɛ nka wɔn), ɛne sɛneɛ Allah boa wɔn na ɔsɛee wɔn
atamfonom, na nyamesom ne nnipa ho nkutahodie fapem wɔ mu, ne suban pa nnipa ani
sɔ ho dawubɔ, ne ahwɛyie ɛfa suban bɔne a wɔkasa tia ho, ne tenaberɛ a ɛwɔ awieɛberɛ
no mu, sɛ ɛyɛ soro aheman mu; ɛyɛ agyedifoɔ fie anaasɛ ogya dareɛ no mu; ɛyɛ asisifoɔ
ne abonniayɛfoɔ fie.
Ɛnam hia a nwoma kɛseɛ yi a Onyankopɔn daa no adi wɔ Arabic kasa mu ho hia, na
ɔhyɛɛ sɛ yɛnka mu nsɛm nkyerɛ adesamma nti, ɛyɛ yɛn ani agye - ɔkenkanfoɔ ɔyɛmyɛfoɔ
- sɛ yɛde ne nkyerɛaseɛ nkyerɛaseɛ bɛma wo wɔ wo kasa mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne nteaseɛ
ne ne dawubɔ ɛbɛyɛ mmerɛ. Na yɛ adwumayɛfo abɔ mmɔden fa ne nkyerɛase ase ne
nkyerɛ ase, a wunim pɛfee yie sɛ ɛmfa ho sɛnea nkyerɛase no yɛ nokware no, ɛbɛda
so ara atɔsene wɔ ntease akɛse a Kur’aan Kronkron no mu anwonwade nkyerɛwee no
kyerɛ no mu, a ɛboro onipa biara so no ho adeyɛ, ne obiara a ɔpɛ sɛ ogyina nokwasɛm
pii so Yɛkamfo kyerɛ no sɛ ɔnsua Arabic kasa a wɔdaa no adi wɔ mu no.
Na Allah asomdwoe nka Asomafoɔ no, na aseda nyinaa nka Allah, Abɔdeɛ nyinaa
Awurade no.
Kur'aan Kronkron Ɛyɛ Nimdeɛ dodoɔ nwoma.
Wobɛtumi afa (QR koodu) yi so ahwɛ Kur’aan Kronkron no nkyerɛaseɛ nkyerɛaseɛ wɔ
wo kasa mu.
•Yɛn ani gye sɛ yɛbɛnya mo adwenkyerɛ ne mo nsusuɛ a mobɛka sɛdeɛ ɛbɛ ma
nkyerɛaseɛ dwumadie yi akɔ nkan, ɛwɔ nkyekyɛmu (Ayah) biara anim wɔ Kur'aan
Kronkron wɔ ntentan yi
(www.quranenc.com)

Kur'aani kronkron
Scan QR Code | Use a QR Code Scanner to fast download directly to your mobile device

( وماهو على الغيب بضنين ) viņš nav skops attiecībā uz atklāsmi, nedz arī slinko vēstījuma nodošanā un mācīšanā, bet gan sniedz visas zināšanas, kuras cilvēks ir gatavs saņemt, atšķirībā no zīlniekiem." Zīlnieki neko nedod, nemāca un nesniedz zināšanas, kuras apgalvo zinām, izņemot par samaksu.
April 22, 2025