الليل
Al-Layl
The Night
1 - Al-Layl (The Night) - 001
وَٱلَّيۡلِ إِذَا يَغۡشَىٰ
Mede εberε a, adesaeε bεkata (biribiara) soɔ,
2 - Al-Layl (The Night) - 002
وَٱلنَّهَارِ إِذَا تَجَلَّىٰ
Ne εberε a adekyeε bεhyerεn,
3 - Al-Layl (The Night) - 003
وَمَا خَلَقَ ٱلذَّكَرَ وَٱلۡأُنثَىٰٓ
Ne Nea Ɔbͻͻ onini ne ͻbedeε, anaa adeε a yεde bͻͻ onini ne ͻbedeε di nse sε:
4 - Al-Layl (The Night) - 004
إِنَّ سَعۡيَكُمۡ لَشَتَّىٰ
“Nokorε, mo mmͻdemmͻ gu sonoko-sonoko”.
5 - Al-Layl (The Night) - 005
فَأَمَّا مَنۡ أَعۡطَىٰ وَٱتَّقَىٰ
Enti obi a ͻbεyε ayεmyε, na ͻbɛsuro Nyankopͻn, (anaa ͻbεyε ahwεyie),
6 - Al-Layl (The Night) - 006
وَصَدَّقَ بِٱلۡحُسۡنَىٰ
Na ͻbεgye papa no (anaa) deε εyε no adie no,
7 - Al-Layl (The Night) - 007
فَسَنُيَسِّرُهُۥ لِلۡيُسۡرَىٰ
Yεbεma kwan pa no ayε mmerε ama no bͻkͻͻ.
8 - Al-Layl (The Night) - 008
وَأَمَّا مَنۢ بَخِلَ وَٱسۡتَغۡنَىٰ
Na mmom obi a ͻbεyε pεpεε ahwε ne ho sε ͻsom bo-
9 - Al-Layl (The Night) - 009
وَكَذَّبَ بِٱلۡحُسۡنَىٰ
Na ͻbεpo papa no,
10 - Al-Layl (The Night) - 010
فَسَنُيَسِّرُهُۥ لِلۡعُسۡرَىٰ
Yεbεma ahokyerε kwan no ayε bͻkͻͻ ama no de no akͻ ahokyerε mu.
11 - Al-Layl (The Night) - 011
وَمَا يُغۡنِي عَنۡهُ مَالُهُۥٓ إِذَا تَرَدَّىٰٓ
Ɛberε a ͻsεeε bεba ne so no, n’agyapadeε no ho mma mfasoͻ mma no.
12 - Al-Layl (The Night) - 012
إِنَّ عَلَيۡنَا لَلۡهُدَىٰ
Ɛyε nokorε sε, Yεn na yεkyerε kwan,
13 - Al-Layl (The Night) - 013
وَإِنَّ لَنَا لَلۡأٓخِرَةَ وَٱلۡأُولَىٰ
Na εyε nokorε nso sε, Daakye no ne (saa wiase) a edi kan yi nyinaa yε Yεn dea.
14 - Al-Layl (The Night) - 014
فَأَنذَرۡتُكُمۡ نَارٗا تَلَظَّىٰ
Enti Meretu mo fo fa Ogya tanaa no ho.
15 - Al-Layl (The Night) - 015
لَا يَصۡلَىٰهَآ إِلَّا ٱلۡأَشۡقَى
Obi nnkͻ mu, gye sε otibͻneni no;
16 - Al-Layl (The Night) - 016
ٱلَّذِي كَذَّبَ وَتَوَلَّىٰ
(Otibͻneni) no a, ͻpo (Nokorε) na ͻdane n’akyi dema.
17 - Al-Layl (The Night) - 017
وَسَيُجَنَّبُهَا ٱلۡأَتۡقَى
Nyamesuroni no nso bεtwe ne ho afiri (ogya tanaa no) ho
18 - Al-Layl (The Night) - 018
ٱلَّذِي يُؤۡتِي مَالَهُۥ يَتَزَكَّىٰ
(Nyamesuroni) no a, oyi ne sika (Nyame nti) de te ne (kraa) ho no,
19 - Al-Layl (The Night) - 019
وَمَا لِأَحَدٍ عِندَهُۥ مِن نِّعۡمَةٖ تُجۡزَىٰٓ
Na ɛnni (n’adwene mu) sε (ͻde papa a ͻreyε no) rehwehwε adom akatua bi afiri obi hͻ.
20 - Al-Layl (The Night) - 020
إِلَّا ٱبۡتِغَآءَ وَجۡهِ رَبِّهِ ٱلۡأَعۡلَىٰ
Na mmom ͻde hwehwε ne Wura Nyankopͻn Kokuroko no hͻ animuonyam.
21 - Al-Layl (The Night) - 021