الواقعة
Al-Waqi'ah
The Inevitable
1 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 001
إِذَا وَقَعَتِ ٱلۡوَاقِعَةُ
Sε Asεm (kεseε a εrebesie) no nya si a,
2 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 002
لَيۡسَ لِوَقۡعَتِهَا كَاذِبَةٌ
Nkontompo biara nni si a ebesie no ho.
3 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 003
خَافِضَةٞ رَّافِعَةٌ
(Saa Da no), yεbεbrε (nnipa no) bi ase, ama (ebinom nso) so.
4 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 004
إِذَا رُجَّتِ ٱلۡأَرۡضُ رَجّٗا
Sε asaase woso nwosoeε (denden) no,
5 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 005
وَبُسَّتِ ٱلۡجِبَالُ بَسّٗا
Na yɛbubu mmepͻ gͻsͻgͻsͻ –
6 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 006
فَكَانَتۡ هَبَآءٗ مُّنۢبَثّٗا
Na εyε sε mfuturo a εretu hwete a,
7 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 007
وَكُنتُمۡ أَزۡوَٰجٗا ثَلَٰثَةٗ
(Saa Da no) mobεyε akuo ahodoͻ mmiεnsa.
8 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 008
فَأَصۡحَٰبُ ٱلۡمَيۡمَنَةِ مَآ أَصۡحَٰبُ ٱلۡمَيۡمَنَةِ
Wͻn a wͻyε Nifa so foͻ no; hwan nom ne wͻn a wͻyε Nifa so foͻ no ?
9 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 009
وَأَصۡحَٰبُ ٱلۡمَشۡـَٔمَةِ مَآ أَصۡحَٰبُ ٱلۡمَشۡـَٔمَةِ
Ɛne wͻn a wͻyε Benkum so foͻ no; hwan nom ne wͻn a wͻyε benkum so foͻ no?
10 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 010
وَٱلسَّـٰبِقُونَ ٱلسَّـٰبِقُونَ
Ɛne (gyidie ho nwuma mu) adikanfoͻ no; wͻn ne (daakye no mu) adikanfoͻ.
11 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 011
أُوْلَـٰٓئِكَ ٱلۡمُقَرَّبُونَ
Woinom na wͻbεbεn (Nyankopͻn),
12 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 012
فِي جَنَّـٰتِ ٱلنَّعِيمِ
Wͻ Anigyeε Aheman no mu.
13 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 013
ثُلَّةٞ مِّنَ ٱلۡأَوَّلِينَ
Dodoͻ no bɛfiri tetefoͻ no mu,
14 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 014
وَقَلِيلٞ مِّنَ ٱلۡأٓخِرِينَ
Ԑna kakraabi nso bɛfiri nkyirimma no mu.
15 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 015
عَلَىٰ سُرُرٖ مَّوۡضُونَةٖ
Wͻbεtena ahennwa a yεde sika kͻkͻͻ ne dwetε na anwene so.
16 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 016
مُّتَّكِـِٔينَ عَلَيۡهَا مُتَقَٰبِلِينَ
Wͻbεgyegye ada mu ahwε wͻn ho wͻn ho anim.
17 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 017
يَطُوفُ عَلَيۡهِمۡ وِلۡدَٰنٞ مُّخَلَّدُونَ
Mmeranteε a wͻte nkwa mu daa na wͻnnwu da bɛdi wͻn hͻ akͻneaba (asom wͻn),
18 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 018
بِأَكۡوَابٖ وَأَبَارِيقَ وَكَأۡسٖ مِّن مَّعِينٖ
Wͻde nkoraa ne sanya nkuruwaa ne kyansee a nsa korͻgyee wͻ mu.
19 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 019
لَّا يُصَدَّعُونَ عَنۡهَا وَلَا يُنزِفُونَ
Wͻn ti mmpae wͻn, na wͻmmoro nso,
20 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 020
وَفَٰكِهَةٖ مِّمَّا يَتَخَيَّرُونَ
Ne nnuaba biara a wͻn ara bεhwε mu ayi deε wͻpε.
21 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 021
وَلَحۡمِ طَيۡرٖ مِّمَّا يَشۡتَهُونَ
Ne nnomaa nnam biara a wͻn kͻn dͻ.
22 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 022
وَحُورٌ عِينٞ
Ne (mmaa) akronkron ahoͻfεfoͻ a wͻn ani akεse-akεse,
23 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 023
كَأَمۡثَٰلِ ٱللُّؤۡلُوِٕ ٱلۡمَكۡنُونِ
(Wͻn ho fε) tesε nhwene pa bi a yɛahyε da de asie abͻ ho ban.
24 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 024
جَزَآءَۢ بِمَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
(Woi) yε akatua ma dwuma (pa) a wͻdiiε no.
25 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 025
لَا يَسۡمَعُونَ فِيهَا لَغۡوٗا وَلَا تَأۡثِيمًا
Wͻnte nsεm hunu anaa kasa bͻne biara wͻ hͻ.
26 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 026
إِلَّا قِيلٗا سَلَٰمٗا سَلَٰمٗا
Gyesε ‘Salaaman Salaaman’ Asomdweε! Asomdweε!
27 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 027
وَأَصۡحَٰبُ ٱلۡيَمِينِ مَآ أَصۡحَٰبُ ٱلۡيَمِينِ
Ɛna Nifasofoͻ no; hwan nom ne Nifaso foͻ no?
28 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 028
فِي سِدۡرٖ مَّخۡضُودٖ
(Wͻn wͻ) nnua bi a εho yε trͻmtrͻm a nkasεε nni ho bi mu,
29 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 029
وَطَلۡحٖ مَّنضُودٖ
Ne nkwadu a abͻ esa-esa,
30 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 030
وَظِلّٖ مَّمۡدُودٖ
Ne nwunu a εbae trε mu,
31 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 031
وَمَآءٖ مَّسۡكُوبٖ
Ne nsuo a εtene ba (abrε biara),
32 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 032
وَفَٰكِهَةٖ كَثِيرَةٖ
Ne nnuaba a abu soͻ,
33 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 033
لَّا مَقۡطُوعَةٖ وَلَا مَمۡنُوعَةٖ
(Nnuaba no berε) to ntwa, na yɛnsi wͻn ho kwan nso.
34 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 034
وَفُرُشٖ مَّرۡفُوعَةٍ
(Wͻn) wͻ aban soroͻ a εwͻ soro so.
35 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 035
إِنَّآ أَنشَأۡنَٰهُنَّ إِنشَآءٗ
Nokorε sε Yɛabͻ wͻn (mmeͻε foforͻ) paa,
36 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 036
فَجَعَلۡنَٰهُنَّ أَبۡكَارًا
Ɛna Yɛama wͻn ayε mmabunu,
37 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 037
عُرُبًا أَتۡرَابٗا
Ɔdͻ ne ahomeka (wͻ wͻn mu); na wͻn (nyinaa) bͻ atipεn.
38 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 038
لِّأَصۡحَٰبِ ٱلۡيَمِينِ
(Woi) wͻ Nifasofoͻ no.
39 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 039
ثُلَّةٞ مِّنَ ٱلۡأَوَّلِينَ
Dodoͻ no bɛfiri tetefoͻ no mu,
40 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 040
وَثُلَّةٞ مِّنَ ٱلۡأٓخِرِينَ
Na dodoͻ no nso afiri nkyirimma yi mu.
41 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 041
وَأَصۡحَٰبُ ٱلشِّمَالِ مَآ أَصۡحَٰبُ ٱلشِّمَالِ
Ɛna Benkum so foͻ no; hwan nom ne Benkum so foͻ no?
42 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 042
فِي سَمُومٖ وَحَمِيمٖ
(Wͻn) wͻ mframa hyew ne nsuo hyeε mu,
43 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 043
وَظِلّٖ مِّن يَحۡمُومٖ
Ne wisie tumm nwunu mu,
44 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 044
لَّا بَارِدٖ وَلَا كَرِيمٍ
(Saa wisie no) nyε nwunu na (wͻnnya emu) anigyeε anaa papa biara.
45 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 045
إِنَّهُمۡ كَانُواْ قَبۡلَ ذَٰلِكَ مُتۡرَفِينَ
Nokorε sε, kane no na wͻgye wͻn ani,
46 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 046
وَكَانُواْ يُصِرُّونَ عَلَى ٱلۡحِنثِ ٱلۡعَظِيمِ
Na wͻtͻ kͻ bͻne akεseε so.
47 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 047
وَكَانُواْ يَقُولُونَ أَئِذَا مِتۡنَا وَكُنَّا تُرَابٗا وَعِظَٰمًا أَءِنَّا لَمَبۡعُوثُونَ
Na wͻka sε: “Sε yɛwu na yεyε mfuturo ne nnompe a, nokorε sε yεbεsan anyane yεn?
48 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 048
أَوَءَابَآؤُنَا ٱلۡأَوَّلُونَ
Anaasε yεn agyanom tetefoͻ no (nso)?
49 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 049
قُلۡ إِنَّ ٱلۡأَوَّلِينَ وَٱلۡأٓخِرِينَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Tetefoͻ no ne nkyirimma no (nyinaa),
50 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 050
لَمَجۡمُوعُونَ إِلَىٰ مِيقَٰتِ يَوۡمٖ مَّعۡلُومٖ
Nokorε sε yεbεboa wͻn ano akͻ εberε a yɛahyε no wͻ saa Da no mu no“.
51 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 051
ثُمَّ إِنَّكُمۡ أَيُّهَا ٱلضَّآلُّونَ ٱلۡمُكَذِّبُونَ
Afei mo ayerafoͻ no a mofaa (nokorε no) nkontompo no,
52 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 052
لَأٓكِلُونَ مِن شَجَرٖ مِّن زَقُّومٖ
Mobɛdidi afiri dua Zaqqum so,
53 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 053
فَمَالِـُٔونَ مِنۡهَا ٱلۡبُطُونَ
Na mode ahyε (mo) afru ma,
54 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 054
فَشَٰرِبُونَ عَلَيۡهِ مِنَ ٱلۡحَمِيمِ
Na moanom nsuo hyeε agu so;
55 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 055
فَشَٰرِبُونَ شُرۡبَ ٱلۡهِيمِ
Na (mo) bεnom no sεdeε yoma a sukͻm de no renom nsuo.
56 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 056
هَٰذَا نُزُلُهُمۡ يَوۡمَ ٱلدِّينِ
Woi na εbεyε wͻn brεsuo a yεde bεma wͻn akwaaba wͻ (daakye) akatua Da no.
57 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 057
نَحۡنُ خَلَقۡنَٰكُمۡ فَلَوۡلَا تُصَدِّقُونَ
Yεn na Yεbͻͻ mo na afei adεn nti na monye nnie?
58 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 058
أَفَرَءَيۡتُم مَّا تُمۡنُونَ
Moahunu (ahobaeε) a mohwie gu (ͻbaa awodeε mu) no?
59 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 059
ءَأَنتُمۡ تَخۡلُقُونَهُۥٓ أَمۡ نَحۡنُ ٱلۡخَٰلِقُونَ
Mo na mobͻ (akͻdaa no) anaasε Yε ne Ɔbͻͻ Adeε no?
60 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 060
نَحۡنُ قَدَّرۡنَا بَيۡنَكُمُ ٱلۡمَوۡتَ وَمَا نَحۡنُ بِمَسۡبُوقِينَ
Yεn na Yɛahyehyε owuo de ato mo soͻ; na entumi mmu mfa Yεn so-
61 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 061
عَلَىٰٓ أَن نُّبَدِّلَ أَمۡثَٰلَكُمۡ وَنُنشِئَكُمۡ فِي مَا لَا تَعۡلَمُونَ
-Sε Yεbεsesa mo tebea yi abͻ mo akͻ (tebea foforͻ) a mo nnim mu.
62 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 062
وَلَقَدۡ عَلِمۡتُمُ ٱلنَّشۡأَةَ ٱلۡأُولَىٰ فَلَوۡلَا تَذَكَّرُونَ
Ampa sε, monim mmͻeε a edi kan no; afei adεn na monfa nkͻ adwen-dwene mu?
63 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 063
أَفَرَءَيۡتُم مَّا تَحۡرُثُونَ
Moahunu (nneεma) a modua no?
64 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 064
ءَأَنتُمۡ تَزۡرَعُونَهُۥٓ أَمۡ نَحۡنُ ٱلزَّـٰرِعُونَ
Mo na moma no fifiri na enyin, anaasε Yεn na Yεma no fifiri na enyin?
65 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 065
لَوۡ نَشَآءُ لَجَعَلۡنَٰهُ حُطَٰمٗا فَظَلۡتُمۡ تَفَكَّهُونَ
Sε Yεpε a anka Yεbεma no ayam (anaasε Yεbεma no asεe) ama mo atwa adwo-
66 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 066
إِنَّا لَمُغۡرَمُونَ
(Ama moasu sε): “Nokorε yɛabͻ ka.”
67 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 067
بَلۡ نَحۡنُ مَحۡرُومُونَ
Aane, yɛahwere (y’agyapadeε).
68 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 068
أَفَرَءَيۡتُمُ ٱلۡمَآءَ ٱلَّذِي تَشۡرَبُونَ
Moahunu nsuo a monom no?
69 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 069
ءَأَنتُمۡ أَنزَلۡتُمُوهُ مِنَ ٱلۡمُزۡنِ أَمۡ نَحۡنُ ٱلۡمُنزِلُونَ
Mo na mosiane firi mununkum no mu ba, anaasε Yεn na Yɛsiane ba?
70 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 070
لَوۡ نَشَآءُ جَعَلۡنَٰهُ أُجَاجٗا فَلَوۡلَا تَشۡكُرُونَ
Sε Yεpε a anka Yεbεma no ayε nkyene-nkyene. Adεn na afei monna (Nyankopͻn) aseε?
71 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 071
أَفَرَءَيۡتُمُ ٱلنَّارَ ٱلَّتِي تُورُونَ
Moahunu egya a mosͻ no?
72 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 072
ءَأَنتُمۡ أَنشَأۡتُمۡ شَجَرَتَهَآ أَمۡ نَحۡنُ ٱلۡمُنشِـُٔونَ
Mona mobͻ ne nnua no anaasε Yεn na Yεbͻeε?
73 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 073
نَحۡنُ جَعَلۡنَٰهَا تَذۡكِرَةٗ وَمَتَٰعٗا لِّلۡمُقۡوِينَ
Yɛayε egya no nkaeε (a mode bεkae Amanehunu gya no), εsan nso wͻ mfasoͻ de ma onipa biara a ohia gya, ne εserε so akwantufoͻ no.
74 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 074
فَسَبِّحۡ بِٱسۡمِ رَبِّكَ ٱلۡعَظِيمِ
Enti bͻ wo Wura Nyankopͻn Kεseε no abodin.
75 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 075
۞فَلَآ أُقۡسِمُ بِمَوَٰقِعِ ٱلنُّجُومِ
Mede faako a nsoromma kͻtͻ di nse!
76 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 076
وَإِنَّهُۥ لَقَسَمٞ لَّوۡ تَعۡلَمُونَ عَظِيمٌ
Nokorε sε, εyε nsedie a εso paa sε anka monim a.
77 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 077
إِنَّهُۥ لَقُرۡءَانٞ كَرِيمٞ
Nokorε sε, εyε Qur’aan animuonyam (Nwoma) noa,
78 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 078
فِي كِتَٰبٖ مَّكۡنُونٖ
Ɛwͻ Nwoma a yεabͻ ho ban no mu.
79 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 079
لَّا يَمَسُّهُۥٓ إِلَّا ٱلۡمُطَهَّرُونَ
Abᴐfoᴐ ahoteefoᴐ no na wᴐsᴐ mu.
80 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 080
تَنزِيلٞ مِّن رَّبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
(Qur’aan) yε Adiyisεm a efri Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no hͻ.
81 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 081
أَفَبِهَٰذَا ٱلۡحَدِيثِ أَنتُم مُّدۡهِنُونَ
Enti saa Asεm yi na mobu no animtia?
82 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 082
وَتَجۡعَلُونَ رِزۡقَكُمۡ أَنَّكُمۡ تُكَذِّبُونَ
Ɛna moayε po a mopo (Qur’aan no sε εnam so) na monya mo akͻnhoma?
83 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 083
فَلَوۡلَآ إِذَا بَلَغَتِ ٱلۡحُلۡقُومَ
Afei adεn na sε (obi a ͻrewuo nkwa no) duru ne mene mu a (monsi nkwa no kwan)?
84 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 084
وَأَنتُمۡ حِينَئِذٖ تَنظُرُونَ
Na saa berε no na morehwε.
85 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 085
وَنَحۡنُ أَقۡرَبُ إِلَيۡهِ مِنكُمۡ وَلَٰكِن لَّا تُبۡصِرُونَ
(Saa berε no) Yεbεn no kyεn mo, nanso monhunu.
86 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 086
فَلَوۡلَآ إِن كُنتُمۡ غَيۡرَ مَدِينِينَ
Sε anka monhyε tumi bi ase a mobɛbu akonta a,
87 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 087
تَرۡجِعُونَهَآ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ
Adεn na momma (nkwa) no nsan n’akyi (nkͻ onipa no mu bio) sε moyε nokwafoͻ ampa a?
88 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 088
فَأَمَّآ إِن كَانَ مِنَ ٱلۡمُقَرَّبِينَ
Enti sε (saa nipa no) ka wͻn a wͻbεn (Nyankopͻn) no ho a,
89 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 089
فَرَوۡحٞ وَرَيۡحَانٞ وَجَنَّتُ نَعِيمٖ
(Ɔbɛnya) ahomegyeε, ne akͻnhoma ne Anigyeε Aheman no.
90 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 090
وَأَمَّآ إِن كَانَ مِنۡ أَصۡحَٰبِ ٱلۡيَمِينِ
Na sε ͻka Nifasofoͻ no nso ho a,
91 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 091
فَسَلَٰمٞ لَّكَ مِنۡ أَصۡحَٰبِ ٱلۡيَمِينِ
Ɛneε asomdwoeε nka wo, Nifasofoͻ no.
92 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 092
وَأَمَّآ إِن كَانَ مِنَ ٱلۡمُكَذِّبِينَ ٱلضَّآلِّينَ
Na mmom sε ͻka wͻn a wͻpo nokorԑ, ayerafoͻ no ho nso a,
93 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 093
فَنُزُلٞ مِّنۡ حَمِيمٖ
Ɛneε nsuo-hyeε na yεde bεma no brεsuo,
94 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 094
وَتَصۡلِيَةُ جَحِيمٍ
Na yɛakͻhye no wͻ Amanehunu gya no mu.
95 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 095
إِنَّ هَٰذَا لَهُوَ حَقُّ ٱلۡيَقِينِ
Nokorε sε, ampa woi ne Nokorε pefee no.
96 - Al-Waqi'ah (The Inevitable) - 096