HadeethEnc · 1.20.0
Daabi da! Seraha (adɔeɛ) mma ahonya so nte, na obi nkɔ so mfa bɔne nkyɛ agye sɛ Allah to n'animuonyam mu, na obi mmrɛ ne ho ase Allah nti, agye Allah ma no so
Available translations
Choose an available translation of this Hadeeth
01
Hadeeth text
Yɛnyaa Hadisi yi firii Abu Hurayrah nkyɛn, Allah nnye no ntom, sɛ Allah somafoɔ, Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa sɛ: << Daabi da! Seraha (adɔeɛ) mma ahonya so nte, na obi nkɔ so mfa bɔne nkyɛ agye sɛ Allah to n'animuonyam mu, na obi mmrɛ ne ho ase Allah nti, agye Allah ma no so>>.
02
Explanation
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kyerɛ mu kyerɛ yɛn sɛ, esipi sɛ seraha nte ahonya so na mmom ɛpam mmusuo, na Allah de papa kɛseɛ hyɛ oniakorɔ anan mu, na ayɛ ntosoɔ na mmom nyɛ ntesoɔ.
Na obi ɛnkɔ so mfa bɔne nkyɛ wɔ berɛ a ɔwɔ tumi sɛ ɔyɛ bi te ka anaa ɔtwe obi aso agye ɔnya tumi ne ahoɔden.
Na obi mmerɛ ne ho ase Allah nti, na nyɛ sɛ ɔsuro obiara anaasɛ ɔpɛ sɛ obi bo tɔ ne yam, anaasɛ ɔde rehwehwɛ mfasodeɛ bi afiri obi nkyɛn agye sɛ n'akatua yɛ kɛseɛ a ɛkrɔn.

03
Benefits
Papa ne nkonim wɔ Islam mmrasɛm ne papayɔ mu, ɛmpo sɛ afoforɔ susu sɛ ɛnte saa kroaa.
Attribution
[رواه مسلم]
Categories
Share
Share hadeeth
Sharing options · 0 Total shares