HadeethEnc · 1.20.0
Mpaebɔ, ɛno ne nyamesom
Available translations
Choose an available translation of this Hadeeth
01
Hadeeth text
Yɛnyaa Hadisi yi firii Anu'man bin Bashir nkyɛn Allah nnye no ntom ɔkaa sɛ: metee sɛ ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no reka sɛ: <<Mpaebɔ, ɛno ne nyamesom>> Na afei ɔkanee: <<Na mo Awurade aka sɛ momfrɛ me na mɛgye mo so, esipi sɛ wɔn a akɛsesɛm wɔ wɔn mu sɛ ɔbɛsom Me no bɛwura ogya dareɛ no mu wɔ animguaseɛ mu>>.[Gafir:60]
02
Explanation
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rebɔ yɛn amaneɛ sɛ, esipi sɛ mpaebɔ; ɛno ne nyamesom, nti ɛsɛsɛ mpaebɔ nyina ara yɛ Allah nti, sɛ ɛyɛ abisa anaa adesrɛ mpaeɛ o, sɛ ɔbɛsrɛ Allah Okokuroko mfasodeɛ bi, ne ahobammɔ firi neɛ ɛha no wɔ wiase ne atemmuada no, anaasɛ ɛyɛ nyamesom mpaeɛ, na ɛno ne ade biara a Allah pɛ na n'ani gye ho sɛ ɛyɛ kasa anaa dwumadie, neɛ apue ne neɛ asuma, akoma mu, honamdua mu anaa sika mu nyamesom.
Ansa na ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa nyinasosɛm a ɛfa ho, Allah kaa sɛ: {Momfrɛ me na mɛgye mo so, esipi sɛ wɔn a akɛsesɛm wɔ wɔn mu sɛ ɔbɛsom Me no bɛwura ogya dareɛ no mu wɔ animguaseɛ mu}.

03
Benefits
Mpaebɔ yɛ ade titiriw wɔ nyamesom mu nti mfata sɛ wode bɛsusu obiara gye Allah.
Mpaebɔ ka som pa ara ne Allah Okokuroko mu gyedie sɛ Ɔno na Wanya ne ho na Ɔwɔ tumi bɔ mu, ne sɛneɛ akoa dan noɔ.
Kɔkɔbɔ a ano ɛyɛ den sɛ akatua a ɛwɔ hɔ ma neɛ ɔbɛ yɛ akɛsesɛm sɛ ɔbɛsom No na ɔbɛgyae No frɛ, na wɔn a wɔyɛ akɛsesɛm sɛ wɔbɛfrɛ Allah no bɛwura ogya dareɛ no mu wɔ animguaseɛ ne animtia mu.

Attribution
[رواه أبو داود والترمذي وابن ماجه وأحمد]
Categories
Share
Share hadeeth
Sharing options · 0 Total shares