HadeethEnc · 1.20.0
Wɔbisaa Allah somafoɔ (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) ɛfa adeɛ a ɛde nnipa pii bɛwura ɔsoro aheman no mu, na ɔkaa sɛɛ:
Available translations
Choose an available translation of this Hadeeth
01
Hadeeth text
Yɛnyaa Hadisi yi firii Abu Hurayrah nkyɛn, Allah nnye no ntom, ɔkaa sɛ: Wɔbisaa Allah somafoɔ (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) ɛfa adeɛ a ɛde nnipa pii bɛwura ɔsoro aheman no mu, na ɔkaa sɛɛ: <<Nyamesuro ne suban pa>>, Na wɔbisaa neɛ ɛde nnipa bɛwura ogya dareɛ no mu pa ara, na ɔkaa sɛɛ: <<ano ne adagya>>.
02
Explanation
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no akyerɛkyerɛ mu sɛ nneɛma akɛseɛ a ɛde obi wura ɔsoro aheman mu yɛ ɔkwan mmienu, wɔnom ne:
Nyame Suro ne Subain papa.
Nyamesuro: ne sɛ wode akokyɛm bɛsi wo ne Allah asotwee ntam, na ɛno ne sɛ wobɛyɛ n'ahyɛdeɛ na watwe wo ho afiri n'akyiwadeɛ ho.
Na suban papa: tumi yɛ sɛ worete w'anim, woredi dwuma pa ne woregyae bɔne.
Na nneɛma akɛseɛ a ɛde amanfoɔ bɛkɔ ogya dareɛ no mu yɛ nneɛma mmienu, na wɔnom ne:
Kɛtrɛma ne w'adagya (wo barima anaa wo baa)
Na kɛtrɛma bɔne ne bi ne : nkontompo, nantintwitwa, kɔnkɔnsa ne neɛ ɛkeka ho.
Na w'adagya nso bɔne ne bi ne: adwamammɔ, trumutrumu ne neɛ ɛkeka ho.

03
Benefits
Ɔsoro aheman mu wura akwan ne Allah Okokuroko wɔ twaka, na ɛmu bi ne: woresuro No, na akwan no bi nso ne nnipa wɔ twaka, na ɛmu bi ne suban pa.
Ahwɛyie fa kɛtrɛma ho wɔ ne wura so, na ɔhunu sɛ ɛka akwan akɛseɛ a ɛde ɔdasani wura ogya dareɛ mu.
Ahwɛyie fa akɔnɔ ne amumueɛsɛm ho wɔ onipa so, na ɔhunu sɛ ɛka akwan a ɛde ɔdasani wura ogya dareɛ mu.

Attribution
[رواه الترمذي وابن ماجه وأحمد]
Categories
Share
Share hadeeth
Sharing options · 0 Total shares