HadeethEnc · 1.20.0
Nea ɔnhunu nnipa mmɔbɔ no, Otumfoɔ Kokuroko Nyankopɔn no renhunu no mmɔbɔ
Available translations
Choose an available translation of this Hadeeth
01
Hadeeth text
Yɛnyaa Hadisi yi firii Jarir bin Abdullah nkyɛn Allah agye no atom ɔkaa sɛ, Allah somafoɔ Allah nhyira ne n’asomdwoeɛ nka no kaa sɛ: "Nea ɔnhunu nnipa mmɔbɔ no, Otumfoɔ Kokuroko Nyankopɔn no renhunu no mmɔbɔ."
02
Explanation
Ɔkɔmhyɛni (Nyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no) kyerɛkyerɛ mu sɛ, deɛ ɔnhunu nnipa mmɔbɔ no, Otumfoɔ Kokuroko Nyankopɔn no renhu no mmɔbɔ. Na akoa mmɔborɔhunu a ɔde ma abɔdeɛ no yɛ akwan akɛseɛ a ɔbɛfa so anya Nyankopɔn Kokuroko no mmɔborɔhunu no mu baako.
03
Benefits
Mmɔborɔhunu ho hia ma abɔdeɛ nyinaa, nanso Ɔkaa nnipa ho asɛm pɔtee esiane sɛ Ɔdwene wɔn ho nti.
Nyankopɔn ne Mmɔborɔhunu Wura na Ɔhu Ne nkoa a wɔwɔ ahummɔborɔ no mmɔbɔ. Akatua no ne dwumadie no yɛ pɛ.
Nea ɛka mmɔborohunu a wɔde ma nnipa ho ne papa a wɔde bɛbrɛ wɔn, bɔne a wɔbɛpam afiri wɔn ho, na afei wɔbɛdi wɔn nni.

Attribution
[متفق عليه]
Categories
Share
Share hadeeth
Sharing options · 0 Total shares