HadeethEnc · 1.20.0
Obibiara a ɔbɛyɛ ahemakye asɔre no hyɛ Allah bammɔ ase
Available translations
Choose an available translation of this Hadeeth
01
Hadeeth text
Jundub bin Abdullah Al Qasriyyu Allah agye no atom ɔkaa sɛ: Allah somafoɔ Allah nhyira ne n’asomdwoeɛ nka no kaa sɛ: <<Obibiara a ɔbɛyɛ ahemakye asɔre no hyɛ Allah bammɔ ase, momma Allah nhwehwɛ akontabuo mfiri mo nkyɛn wɔ biribiara a ɛfa no bammɔ ho, ɛfirisɛ deɛ ɔbɛhwehwɛ akontabuo wɔ biribi a ɛfa no bammɔ ho afiri ne nkyɛn no; Ɔbɛsɔ ne mu, na afei Wato no de n’anim abutu ogya dareɛ no mu >>.:
02
Explanation
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n’asomdwoeɛ nka no rebɔ yɛn amaneɛ sɛ deɛ ɔbɛyɛ ahemakye asɔre no hyɛ Allah bammɔ ne wɛn ase, Ɔbɛbɔ ne ho ban na Waboa no ama no adi nkonim.
Afei, ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n’asomdwoeɛ nka no bɔɔ yɛn kɔkɔ faa sɛ yɛrebu saa apam yi so na yɛasɛe no, sɛ yɛbɛgyae ahemakye asɔre no yɛ, anaasɛ yɛbɛha na yɛateetee wɔn a wɔyɛ no. Efirisɛ obibiara a ɔbɛyɛ saa no abu saa apam yi so, na ɔfata saa kɔkɔbɔ a ɛmu yɛ den yi sɛ Allah bɛbu no atɛn wɔ ne mmratoɔ no ho, na obi a Allah bɛhwehwɛ sɛ ɔmmu akonta nkyerɛ no no, Ɔbɛsɔ ne mu, na afei Wato no atwene ogya dareɛ no mu wɔ berɛɛ n’anim butu hɔ.

03
Benefits
Nkyerɛkyerɛmu a ɛfa mfasoɔ a ɛwɔ ahemakye asɔreyɛ mu.
Kɔkɔbɔ a ɛmu yɛ den fa deɛ ɔha deɛ ɔyɛ ahemakye asɔre.
Allah Okokuroko akatua a Ɔde bɛma wɔn a wɔha ne nnɔnkɔfoɔ apapafoɔ no.
Kɔkɔbɔ a ɛmu yɛ den fa deɛ ɔha deɛ ɔyɛ ahemakye asɔre.
Allah Okokuroko akatua a Ɔde bɛma wɔn a wɔha ne nnɔnkɔfoɔ apapafoɔ no.
Attribution
[رواه مسلم]
Categories
Share
Share hadeeth
Sharing options · 0 Total shares