HadeethEnc · 1.20.0
Berɛ a akoa bɛn n’awurade pa ara ne berɛ a ɔde n’anim abutu fam, ɛno nti mommɔ mpaeɛ pii
Available translations
Choose an available translation of this Hadeeth
01
Hadeeth text
Yɛnyaa Hadisi yi firii Abu Hurayrah nkyɛn, Allah nnye no ntom, sɛ Allah somafoɔ, Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa sɛ: <<Berɛ a akoa bɛn n’awurade pa ara ne berɛ a ɔde n’anim abutu fam, ɛno nti mommɔ mpaeɛ pii>>.
02
Explanation
Ɔkɔmhyɛni -Allah nhyira ne n’asomdwoeɛ nka no- rekyerɛ mu sɛ berɛ a akoa bɛn n’awurade pa ara ne berɛ a ɔde n’anim abutu fam; ɛne sɛ Onyamefrɛni no de ne honamdua a ɛwɔ soro na ɛkrɔn sene honamdua no nyina ara bɔ fam wɔ tuwoho akyɛ mu, ne ahobraseɛ mu ma Allah Okokuroko no wɔ berɛ a ɔde n’anim abutu fam.
Na Ɔkɔmhyɛni ahyɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpaeɛ pii wɔ berɛ a y’anim butu fam, saa nneyɛɛ no ka ahobraseɛ a yɛwɔ ma Allah wɔ kasa ne nneyɛɛ afa mu bom.
Na Ɔkɔmhyɛni ahyɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpaeɛ pii wɔ berɛ a y’anim butu fam, saa nneyɛɛ no ka ahobraseɛ a yɛwɔ ma Allah wɔ kasa ne nneyɛɛ afa mu bom.
03
Benefits
Sotie ma akoa bɛn Allah Ɔhoteeni Okokuroko no.
Pɛ a ɔpɛ sɛ yɛbɔ mpaeɛ pii wɔ brɛ a yɛde y’anim abutu fam ama Allah, ɛfiri sɛ ɛka beaɛ a ɔgye mpaebɔ.
Pɛ a ɔpɛ sɛ yɛbɔ mpaeɛ pii wɔ brɛ a yɛde y’anim abutu fam ama Allah, ɛfiri sɛ ɛka beaɛ a ɔgye mpaebɔ.
Attribution
[رواه مسلم]
Categories
Share
Share hadeeth
Sharing options · 0 Total shares

