HadeethEnc · 1.20.0
Esipi sɛ nnwumadie nyina ara gyina nkankyeɛ so, na ɔdasani biara bɛnya ne nkankyeɛ so akatua
Available translations
Choose an available translation of this Hadeeth
01
Hadeeth text
Ye nya feri UMAR BUN KHATAAB-Nyame peninee nka nu- ka se:KƆmwhenee-Asomdwe ne nhyira nka nu-ka se: <<Esipi sɛ nnwumadie nyina ara gyina nkankyeɛ so, na ɔdasani biara bɛnya nkankyeɛ a ɔyɛɛeɛ ho akatua, ɛno nti obibiara a n'akwantuo no yɛ Allah ne Ne somafoɔ nti no, ɛneɛ na n'akwantuo no yɛ Allah ne Ne somafoɔ no nti. Na obibiara nso a n'akwantuo no yɛ wiase ade bi a ɔrehwehwɛ nti anaa sɛ ɔbaa bi a ɔrepɛ no aware no nti no, ɛneɛ na n'akwantuo no yɛ neɛ ɛde no kɔɔɛ no nti>>. Na ɛwɔ Bukhari mu nso no: << Esipi sɛ nnwumadie nyina ara gyina nkankyeɛ so, na ɔdasani biara bɛnya ne nkankyeɛ so akatua>>
02
Explanation
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rekyerɛkyerɛ mu sɛ dwumadie biara no wɔde nkankyeɛ a ɛtaa akyire na bu atɛn, saa mmra yi kɔ ma Nyame-nnwuma ne nnipa nkitahodie nyina ara prɛko pɛ, na obibiara a ne tirimupɔ ne sɛ ɔnam ne nsa ano nnwuma so bɛnya mfasoɔ bi no; ɔnya agye mfasoɔ no nko ara a akatua nka ho, na obibiara nso a ne tirimupɔ ne sɛ ɔnam ne nnwuma so bɛbɛn Allah Okokuroko no, ɔbɛnya mfasoɔ ne akatua mpo sɛ ɛyɛ dwumadi fotaa bi a, te sɛ adidie ne ɔnom.
Afei, Ɔkɔmhyɛni - Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no - yɛɛ mfatoho de kyerɛɛ nsunsuansoɔ a nkankyeɛ wɔ wɔ nnwuma so, ɛmfa ho sɛ ɛda adi sɛ wɔn nyina ara yɛ pɛ, na ɔkyerɛɛ mu sɛ obibiara ne tirimupɔ ne sɛ ɔbɛtu kwan agyae ne kuro de ahwehwɛ n'awurade nnyetomu no, ɛneɛ na n'akwantuo no yɛ akwantuo a mmara ma ho kwan na wɔgye tom a wɔbɛtua no ho ka ɛnam ne nkankye pa nti, na obibiara nso a ne tirimupɔ ne sɛ ɔretu kwan akɔpɛ wiase mu mfasodeɛ bi nti no, sɛ ɛyɛ sika anaa sɛ animuonyam, anaa dwadie anaa sɛ hokafoɔ (ɔyere anaa okunu), ɛneɛ ɔrennya biribi foforɔ biara mfiri n'akwantuo no mu agye mfasoɔ a na ɔpɛ sɛ ɔnya no, na ɔnni kyɛfa biara wɔ akatua ne nhyira mu.

03
Benefits
Nkuranhyɛ wɔ gyedie krɔgyenn mu, ɛfiri sɛ Allah nnye dwumadie bi ntom agye neɛ ɔyɛɛ no No nti.
Nnwumadie a ɔdi de bɛn Allah Okokuroko no sɛ obi di no sɛ daadaa dwumadie bi kwa a, ɛneɛ ɔnni nhyira wɔ ho, kɔpem sɛ ne tirimupɔ bɛyɛ sɛ ɔredi saa dwuma no de abɛn Allah.
Nnwumadie a ɔdi de bɛn Allah Okokuroko no sɛ obi di no sɛ daadaa dwumadie bi kwa a, ɛneɛ ɔnni nhyira wɔ ho, kɔpem sɛ ne tirimupɔ bɛyɛ sɛ ɔredi saa dwuma no de abɛn Allah.
Attribution
[متفق عليه]
Categories
Share
Share hadeeth
Sharing options · 0 Total shares