HadeethEnc · 1.20.0
“Obiara a Onyankopɔn pɛ papa ma no no, Ɔsɔ no hwɛ.”
Available translations
Choose an available translation of this Hadeeth
01
Hadeeth text
Hadiis a yɛnya firi Abii Huraira hɔ Onyame penie nka no aka sɛ: Ɔkɔmhyɛni Mohammɛd Onyame nhyira ne n'asomudwoe nka no aka sɛ: “Obiara a Onyankopɔn pɛ papa ma no no, Ɔsɔ no hwɛ.”
02
Explanation
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rebɔ yɛn amaneɛ sɛ: sɛ Onyankopɔn pɛ papa ma N’asomfo nokwafoɔ no mu baako a, ɔbɛsɔ wɔn ahwɛ wɔ wɔn abrabɔ mu , wɔn ahonyadeɛ, ne wɔn mmusua ho, ɛnam sɛ ɛma Ogyidini de ne ho to Onyankopɔn Tumfoɔ No so, Onya bɔne fafiri fa nnwuma bɔne ho, na wɔma ne dibea so ma no.
03
Benefits
Gyidifoɔ no hyia amanehunu ahodoɔ.
Ɛnsɔhwɛ betumi ayɛ Onyankopɔn dɔ a ɔwɔ ma N’akoa no ho sɛnkyerɛnne, ma enti Ɔma ne dibea so, ma ne dibea kɔ soro, na ɔpepa ne bɔne.
Nkuranhyɛ a ɛfa abotirɛ wɔ amanehunu ne akokoduru a anwiinwii biara nni mu.

Attribution
[رواه البخاري]
Categories
Share
Share hadeeth
Sharing options · 0 Total shares